Yohane 20:22
John 20:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so.
John 20:22 in English
John 20:22 · Berean Standard Bible
When He had said this, He breathed on them and said, “Receive the Holy Spirit.
Context
20Ɔkyeaa wɔn wieeɛ no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyee yie. 21Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” 22Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so. 23Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.” 24Ɛberɛ a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no nni hɔ bi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.