Yohane 19:6
John 19:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne awɛmfoɔ no hunuu Yesu no, wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu, ɛfiri sɛ, menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”
John 19:6 in English
John 19:6 · Berean Standard Bible
As soon as the chief priests and officers saw Him, they shouted, “Crucify Him! Crucify Him!” “You take Him and crucify Him,” Pilate replied, “for I find no basis for a charge against Him.”
Context
4Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio sɛ, “Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu sɛ menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.” 5Ɛberɛ a Yesu firii adi baeɛ no, na ɔhyɛ ahenkyɛ a wɔde nkasɛɛ anwono ne atadeɛ kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no sɛ, “Onipa no ni!” 6Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne awɛmfoɔ no hunuu Yesu no, wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”
Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu, ɛfiri sɛ, menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.” 7Yudafoɔ no buaa sɛ, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔwu, ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.” 8Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a wɔkaeɛ no, ɔbɔɔ hu yie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.