Yohane 19:39
John 19:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobo ne aduhwam mfrafraeɛ a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa mmiɛnsa baeɛ.
John 19:39 in English
John 19:39 · Berean Standard Bible
Nicodemus, who had previously come to Jesus at night, also brought a mixture of myrrh and aloes, about seventy-five pounds.*
Context
37ne “Nnipa bɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ ne mfe mu pea” no bɛba mu. 38Yei akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛsiane Yudafoɔ ho hu enti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kɔkoam no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no ɛkwan na ɔnkɔyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno enti, ɔkɔyii Yesu amu no. 39Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobo ne aduhwam mfrafraeɛ a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa mmiɛnsa baeɛ. 40Wɔn baanu no de nwera ne aduhwam mfrafraeɛ no kyekyeree Yesu amu no sɛdeɛ Yudafoɔ ɛkwan a wɔfa so sie wɔn amu no teɛ no. 41Na ɔboda foforɔ bi a wɔnsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.