Native Bible

John 19:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛsiane Yudafoɔ ho hu enti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kɔkoam no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no ɛkwan na ɔnkɔyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno enti, ɔkɔyii Yesu amu no.

John 19:38 in English

John 19:38 · Berean Standard Bible

Afterward, Joseph of Arimathea, who was a disciple of Jesus (but secretly for fear of the Jews), asked Pilate to let him remove the body of Jesus. Pilate gave him permission, so he came and removed His body.

Context

36Yeinom nyinaa sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔremmu ne dompe bi” 37ne “Nnipa bɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ ne mfe mu pea” no bɛba mu. 38Yei akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛsiane Yudafoɔ ho hu enti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kɔkoam no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no ɛkwan na ɔnkɔyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno enti, ɔkɔyii Yesu amu no. 39Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobo ne aduhwam mfrafraeɛ a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa mmiɛnsa baeɛ. 40Wɔn baanu no de nwera ne aduhwam mfrafraeɛ no kyekyeree Yesu amu no sɛdeɛ Yudafoɔ ɛkwan a wɔfa so sie wɔn amu no teɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.