Yohane 19:33
John 19:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu sɛ ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi.
John 19:33 in English
John 19:33 · Berean Standard Bible
But when they came to Jesus and saw that He was already dead, they did not break His legs.
Context
31Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafoɔ mpanimfoɔ no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so kɔsi nʼadekyeeɛ a wɔbɛdi Twam Afahyɛ no. Enti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato sɛ wɔpɛ sɛ wɔbubu nnipa no nan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayiyi wɔn amu no afiri asɛnnua no so. 32Asraafoɔ no kɔbubuu ɔbarima a ɔdi ɛkan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu ho no nan; wɔwieeɛ no, wɔkɔbubuu ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no nso nan*. 33Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu sɛ ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi. 34Asraafoɔ no mu baako de ne pea wɔɔ ne mfe maa mogyasufi firi ne mfe mu baeɛ. 35Onipa a ɔhunuu deɛ ɛsiiɛ no na wadi ho adanseɛ. Nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛgye adi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.