Yohane 19:28
John 19:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.”
John 19:28 in English
John 19:28 · Berean Standard Bible
After this, knowing that everything had now been accomplished, and to fulfill the Scripture, Jesus said, “I am thirsty.”*
Context
26Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba nie.” 27Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, “Wo maame nie.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ. 28Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.” 29Wɔde sapɔ a ɛtua hisope ano bɔɔ nsã a emu keka mu de kaa nʼano. 30Yesu nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔsii ne ti ase na ɔgyaee ne honhom mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.