Native Bible

John 19:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba nie.”

John 19:26 in English

John 19:26 · Berean Standard Bible

When Jesus saw His mother and the disciple whom He loved standing nearby, He said to His mother, “Woman, here is your son.”

Context

24Asraafoɔ no nyinaa kaa sɛ, “Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya.” Adeɛ a wɔyɛeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu, bɔɔ so ntonto faeɛ” no bɛba mu. Deɛ asraafoɔ no yɛeɛ ne no. 25Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba nie.” 27Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, “Wo maame nie.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ. 28Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.