Native Bible

John 16:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsane bisaa bio sɛ, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi aseɛ ne sɛn? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.”

John 16:18 in English

John 16:18 · Berean Standard Bible

They kept asking, “Why is He saying, ‘a little while’? We do not understand what He is saying.”

Context

16“Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.” 17Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ ” 18Wɔsane bisaa bio sɛ, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi aseɛ ne sɛn? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.” 19Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ase no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mekaa sɛ, ‘aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa mobɛhunu me bio’. Yei ne asɛm a monte aseɛ a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? 20Mereka nokorɛ akyerɛ mo; mo werɛ bɛho na moasu, nanso ewiasefoɔ ani bɛgye. Mobɛdi awerɛhoɔ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.