Yohane 12:47
John 12:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa.
John 12:47 in English
John 12:47 · Berean Standard Bible
As for anyone who hears My words and does not keep them, I do not judge him. For I have not come to judge the world, but to save the world.
Context
45Na deɛ ɔhunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso. 46Maba ewiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu. 47“Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa. 48Obiara a ɔpo me na ɔnnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛbu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na Atemmuo da no ɛbɛbu mo atɛn. 49Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ deɛ Agya no ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.