Yohane 12:46
John 12:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Maba ewiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu.
John 12:46 in English
John 12:46 · Berean Standard Bible
I have come into the world as a light, so that no one who believes in Me should remain in darkness.
Context
44Yesu teaam sɛ, “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di. 45Na deɛ ɔhunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso. 46Maba ewiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu. 47“Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa. 48Obiara a ɔpo me na ɔnnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛbu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na Atemmuo da no ɛbɛbu mo atɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.