Yohane 12:40
John 12:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Onyankopɔn afira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnane mma me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.”
John 12:40 in English
John 12:40 · Berean Standard Bible
“He has blinded their eyes and hardened their hearts, so that they cannot see with their eyes, and understand with their hearts, and turn, and I would heal them.”*
Context
38Yei ne Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaa sɛ,
“Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?
Na hwan nso na ɔbɛgye wʼanwanwadwuma no adi sɛ adansedie?” 39Yudafoɔ no annye anni ɛfiri sɛ, na Odiyifoɔ Yesaia asane aka sɛ, 40“Onyankopɔn afira wɔn ani,
na wapirim wɔn akoma,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnane
mma me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.” 41Yesaia kaa yei faa Yesu animuonyam a daakye ɔbɛnya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho. 42Mpo, na Yudafoɔ mpanin no mu pii gye Yesu di, nanso na wɔsuro sɛ, sɛ Farisifoɔ no hunu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.