Yohane 12:28
John 12:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Agya, hyɛ wo din animuonyam!” Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.”
John 12:28 in English
John 12:28 · Berean Standard Bible
Father, glorify Your name!” Then a voice came from heaven: “I have glorified it, and I will glorify it again.”
Context
26Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfoɔ nso wɔ hɔ bi.” 27Yesu kaa sɛ, “Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka sɛ, ‘Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase sɛ memmɛhunu amane. 28Agya, hyɛ wo din animuonyam!”
Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.” 29Nnipakuo a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkaa sɛ aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kaa sɛ, ɔsoro ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no. 30Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo enti na saa nne yi kasaeɛ na ɛnyɛ me enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.