Native Bible

John 11:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

John 11:46 in English

John 11:46 · Berean Standard Bible

But some of them went to the Pharisees and told them what Jesus had done.

Context

44Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.” 45Yudafoɔ a wɔbɛsraa Maria na wɔhunuu deɛ Yesu yɛeɛ no mu bebree gyee no diiɛ. 46Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 47Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ! 48Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.