Native Bible

John 11:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho.

John 11:19 in English

John 11:19 · Berean Standard Bible

and many of the Jews had come to Martha and Mary to console them in the loss of their brother.

Context

17Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan. 18Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu, 19na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho. 20Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie. 21Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.