Yohane 1:46
John 1:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Natanael bisaa Filipo sɛ, “Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?” Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛhwɛ.”
John 1:46 in English
John 1:46 · Berean Standard Bible
“Can anything good come from Nazareth?” Nathanael asked. “Come and see,” said Philip.
Context
44Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi. 45Filipo firi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba.” 46Natanael bisaa Filipo sɛ, “Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?”
Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛhwɛ.” 47Ɛberɛ a Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkaa sɛ, “Israelni nokwafoɔ ni ampa.” 48Natanael bisaa Yesu sɛ, “Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?”
Yesu nso buaa no sɛ, “Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.