Yohane 1:44
John 1:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi.
John 1:44 in English
John 1:44 · Berean Standard Bible
Now Philip was from Bethsaida, the same town as Andrew and Peter.
Context
42Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn.
Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no. 43Adeɛ kyeeɛ no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ɔhunuu Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.” 44Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi. 45Filipo firi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba.” 46Natanael bisaa Filipo sɛ, “Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?”
Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛhwɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.