Native Bible

John 1:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yohane nso buaa sɛ, “Me deɛ, nsuo na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a monnim no,

John 1:26 in English

John 1:26 · Berean Standard Bible

“I baptize with * water,” John replied, “but among you stands One you do not know.

Context

24Afei, wɔn a Farisifoɔ no somaa wɔn no bisaa Yohane bio sɛ, 25“Sɛ ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, adɛn enti na wobɔ asu?” 26Yohane nso buaa sɛ, “Me deɛ, nsuo na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a monnim no, 27a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔ; ɔno na ɔbɛdi mʼakyi aba.” 28Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.