Yeremia 9:25
Jeremiah 9:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:
Jeremiah 9:25 in English
Jeremiah 9:25 · Berean Standard Bible
“Behold, the days are coming,” declares the LORD, “when I will punish all who are circumcised yet uncircumcised:
Context
23Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho
anaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho
anaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho. 24Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ
ɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ,
me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ,
na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase so
ɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 25“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: 26Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.