Yeremia 9:13
Jeremiah 9:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so.
Jeremiah 9:13 in English
Jeremiah 9:13 · Berean Standard Bible
And the LORD answered, “It is because they have forsaken My law, which I set before them; they have not walked in it or obeyed My voice.
Context
11“Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie,
sakraman atuo;
na mɛma Yuda nkuro ada mpan
sɛdeɛ obiara ntumi ntena hɔ.” 12Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ? 13Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so. 14Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.