Native Bible

Jeremiah 7:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Gyina Awurade asɔredan no ɛpono ano, na ka saa asɛm yi: “ ‘Montie Awurade asɛm, mo nnipa a mo wɔ Yuda nyinaa a mofa apono yi ano kɔsom Awurade.

Jeremiah 7:2 in English

Jeremiah 7:2 · Berean Standard Bible

“Stand in the gate of the house of the LORD and proclaim this message: Hear the word of the LORD, all you people of Judah who enter through these gates to worship the LORD.

Context

1Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn: 2“Gyina Awurade asɔredan no ɛpono ano, na ka saa asɛm yi: “ ‘Montie Awurade asɛm, mo nnipa a mo wɔ Yuda nyinaa a mofa apono yi ano kɔsom Awurade. 3Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: Monsesa mo akwan ne mo nneyɛɛ, na mɛma mo atena ha. 4Mommfa mo ho nto nnaadaasɛm so na monnka sɛ, “Yei ne Awurade asɔredan, Awurade asɔredan, Awurade asɔredan!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.