Native Bible

Jeremiah 7:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Na afei monkɔ Silo, beaeɛ bi a, medii ɛkan bɔɔ atenaeɛ de me Din too so, na monhwɛ deɛ meyɛɛ no ɛsiane me nkurɔfoɔ Israelfoɔ amumuyɛ enti.

Jeremiah 7:12 in English

Jeremiah 7:12 · Berean Standard Bible

But go now to the place in Shiloh where I first made a dwelling for My Name, and see what I did to it because of the wickedness of My people Israel.

Context

10na afei, moaba abɛgyina mʼanim wɔ efie a medin da so na moaka sɛ, “Yɛnni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwadeɛ yi nyinaa a na monni ɔhaw anaa? 11Na efie a medin da soɔ yi, abɛyɛ adwotwafoɔ tu ama mo anaa? Nanso megu so rehyɛ! Awurade na ɔseɛ. 12“ ‘Na afei monkɔ Silo, beaeɛ bi a, medii ɛkan bɔɔ atenaeɛ de me Din too so, na monhwɛ deɛ meyɛɛ no ɛsiane me nkurɔfoɔ Israelfoɔ amumuyɛ enti. 13Ɛberɛ a moreyɛ yeinom nyinaa, Awurade na ɔseɛ, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn bebree, nanso moantie; mefrɛɛ mo, nanso moannye so. 14Ɛno enti, sɛdeɛ meyɛɛ Silo no, mede bɛyɛ efie a me Din da so no, asɔredan a mode mo ho to so, beaeɛ a mede maa mo ne mo agyanom.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.