Yeremia 50:46
Jeremiah 50:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Babilonia nnommumfa nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; ne nteateam bɛgyegye wɔ amanaman no mu.
Jeremiah 50:46 in English
Jeremiah 50:46 · Berean Standard Bible
At the sound of Babylon’s capture the earth will quake; a cry will be heard among the nations.
Context
44Sɛdeɛ gyata a ɔfiri Yordan nkyɛkyerɛ mu
rekɔ adidibea frɔmfrɔm no,
saa ara na mɛtaa Babilonia so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu.
Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei?
Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?
Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?” 45Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Babilonia,
deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafoɔ asase nie:
Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ;
wɔn enti ɔbɛsɛe adidibea no koraa. 46Babilonia nnommumfa nnyegyeeɛ bɛma asase awoso;
ne nteateam bɛgyegye wɔ amanaman no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.