Yeremia 48:20
Jeremiah 48:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa; montwa adwo na monteateam! Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛ wɔasɛe Moab.
Jeremiah 48:20 in English
Jeremiah 48:20 · Berean Standard Bible
Moab is put to shame, for it has been shattered. Wail and cry out! Declare by the Arnon that Moab is destroyed.
Context
18“Firi wʼanimuonyam mu,
na bɛtena asase wesee no so,
wo a wote Ɔbabaa Dibon mu,
ɛfiri sɛ deɛ ɔsɛe Moab no
bɛtu aba wo so;
abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no. 19Gyina kwankyɛn na hwɛ,
wo a wote Aroer.
Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi,
bisa wɔn sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’ 20Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa;
montwa adwo na monteateam!
Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛ
wɔasɛe Moab. 21Atemmuo aba bepɔ tamaa so
wɔ Holon, Yahas ne Mefaat, 22Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.