Native Bible

Jeremiah 43:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyegye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, sɛdeɛ wɔbɛkum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.”

Jeremiah 43:3 in English

Jeremiah 43:3 · Berean Standard Bible

Rather, Baruch son of Neriah is inciting you against us to deliver us into the hands of the Chaldeans,* so that they may put us to death or exile us to Babylon!”

Context

1Ɛberɛ a Yeremia wiee nsɛm a ɛfiri Awurade wɔn Onyankopɔn nkyɛn no ka no, 2Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Woredi atorɔ! Awurade yɛn Onyankopɔn nsomaa wo sɛ bɛka sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’ 3Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyegye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, sɛdeɛ wɔbɛkum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.” 4Enti, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔntena Yuda asase so no so. 5Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ nyinaa de Yuda nkaeɛfoɔ a wɔfifirii amanaman a wɔbɔɔ wɔn pete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔɔeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.