Native Bible

Jeremiah 4:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem: “Monsiesie mo asase a wɔmfuntum da na monnnua wɔ nkasɛɛ mu.

Jeremiah 4:3 in English

Jeremiah 4:3 · Berean Standard Bible

For this is what the LORD says to the men of Judah and Jerusalem: “Break up your unplowed ground, and do not sow among the thorns.

Context

1“Sɛ wobɛsane wʼakyi a Ao, Israel, sane bra me nkyɛn,” sei na Awurade seɛ. “Sɛ woyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ firi mʼani so na sɛ woammane bio, 2na sɛ, nokorɛ, pɛyɛ ne tenenee mu woka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ a afei mobɛyɛ nhyira ama aman no na ne mu na wɔbɛnya animuonyam.” 3Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem: “Monsiesie mo asase a wɔmfuntum da na monnnua wɔ nkasɛɛ mu. 4Montwitwa mo ho twetia mma Awurade montwitwa mo akoma twetia, mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na adɛre sɛ ogya. Mo bɔne a moayɛ enti, ɛbɛhye a obiara rennum.” 5“Bɔ nkaeɛ wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem sɛ, ‘Hyɛn totorobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’ Team denden sɛ: ‘Mommoaboa mo ho ano! Momma yɛn nnwane nkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no so!’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.