Yeremia 38:3
Jeremiah 38:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene akodɔm nsa, na wɔn na wɔbɛdi so.’ ”
Jeremiah 38:3 in English
Jeremiah 38:3 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: This city will surely be delivered into the hands of the army of the king of Babylon, and he will capture it.”
Context
1Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ nnipa no nyinaa sɛ, 2“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena, ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafoɔ afa no bɛtena nkwa mu. Ɔbɛnya ne tiri adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu. 3Na yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene akodɔm nsa, na wɔn na wɔbɛdi so.’ ” 4Ɛno enti adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafoɔ a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiedie na mmom wɔn sɛeɛ.” 5Ɔhene Sedekia buaa sɛ, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.