Native Bible

Jeremiah 38:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeremia buaa sɛ, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ deɛ meka kyerɛ woɔ. Ɛno na ɛbɛma asi wo yie na woanya nkwa.

Jeremiah 38:20 in English

Jeremiah 38:20 · Berean Standard Bible

“They will not hand you over,” Jeremiah replied. “Obey the voice of the LORD in what I am telling you, that it may go well with you and you may live.

Context

18Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafoɔ, na wɔbɛhye no dwerɛbee; na wʼankasa rentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’ ” 19Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mesuro Yudafoɔ a wɔkɔ Babiloniafoɔ afa no, ɛfiri sɛ, ebia Babiloniafoɔ no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayakayakadeɛ.” 20Yeremia buaa sɛ, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ deɛ meka kyerɛ woɔ. Ɛno na ɛbɛma asi wo yie na woanya nkwa. 21Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafoɔ no de a, deɛ Awurade ayi akyerɛ me nie: 22Mmaa a wɔaka wɔ Yudahene ahemfie hɔ nyinaa no, wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfoɔ no. Saa mmaa no bɛka akyerɛ wo sɛ, “ ‘Wɔdaadaa wo na wɔdii wo so wo nnamfonom a wogye wɔn die no. Wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu; wo nnamfonom agya wo hɔ kɔ.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.