Native Bible

Jeremiah 37:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛna Awurade asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ,

Jeremiah 37:6 in English

Jeremiah 37:6 · Berean Standard Bible

Then the word of the LORD came to Jeremiah the prophet:

Context

4Na Yeremia de ne ho, di nnipa no mu akɔneaba, ɛfiri sɛ na wɔmfaa no ntoo afiase. 5Na Farao akodɔm afiri Misraim reba, na Babiloniafoɔ a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wɔfirii Yerusalem. 6Ɛna Awurade asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ, 7“Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa me hɔ biribi no sɛ, ‘Farao akodɔm a wɔfirii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsane akɔ wɔn ankasa asase so, Misraim so. 8Na Babiloniafoɔ no bɛsane abɛto ahyɛ saa kuropɔn yi so; wɔbɛgye na wɔahye no dworobɛɛ.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.