Yeremia 37:18
Jeremiah 37:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi?
Jeremiah 37:18 in English
Jeremiah 37:18 · Berean Standard Bible
Then Jeremiah asked King Zedekiah, “How have I sinned against you or your servants or these people, that you have put me in prison?
Context
16Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma ɔdii nna bebree wɔ hɔ. 17Akyire yi, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfie, ɛhɔ na ɔbisaa no wɔ kɔkoam sɛ, “Woanya asɛm bi afiri Awurade nkyɛn anaa?”
Yeremia buaa sɛ, “Aane, wɔde wo bɛma Babiloniahene.” 18Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi? 19Ɛhe na wʼadiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Babiloniahene rento nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ? 20Na afei, ɔdɛɛfoɔ, mesrɛ wo, tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie hɔ bio, anyɛ saa a mɛwu wɔ hɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.