Native Bible

Jeremiah 37:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma ɔdii nna bebree wɔ hɔ.

Jeremiah 37:16 in English

Jeremiah 37:16 · Berean Standard Bible

So Jeremiah went into a cell in the dungeon and remained there a long time.

Context

14Yeremia buaa sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Merennwane nkɔ Babiloniafoɔ afa.” Nanso, Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanimfoɔ. 15Wɔn bo fuu Yeremia, na wɔmaa wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie a na wɔde ayɛ nneduadan no. 16Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma ɔdii nna bebree wɔ hɔ. 17Akyire yi, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfie, ɛhɔ na ɔbisaa no wɔ kɔkoam sɛ, “Woanya asɛm bi afiri Awurade nkyɛn anaa?” Yeremia buaa sɛ, “Aane, wɔde wo bɛma Babiloniahene.” 18Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.