Native Bible

Jeremiah 36:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛtɔ so ɛnan mu, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ,

Jeremiah 36:1 in English

Jeremiah 36:1 · Berean Standard Bible

In the fourth year of Jehoiakim son of Josiah king of Judah, this word came to Jeremiah from the LORD:

Context

1Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛtɔ so ɛnan mu, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ, 2“Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, ɛfiri ɛberɛ a mefirii aseɛ kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedie berɛ so bɛsi ɛnnɛ gu so. 3Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.