Native Bible

Jeremiah 35:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: ‘Rekab babarima Yehonadab bɛnya ɔbarima a ɔbɛsom me ɛberɛ biara.’ ”

Jeremiah 35:19 in English

Jeremiah 35:19 · Berean Standard Bible

this is what the LORD of Hosts, the God of Israel, says: Jonadab son of Rechab will never fail to have a man to stand before Me.’”

Context

17“Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Montie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’ ” 18Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Moayɛ ɔsetie ama mo nana Yehonadab ahyɛdeɛ no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’ 19Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: ‘Rekab babarima Yehonadab bɛnya ɔbarima a ɔbɛsom me ɛberɛ biara.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.