Yeremia 34:9
Jeremiah 34:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifoɔ; na obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa.
Jeremiah 34:9 in English
Jeremiah 34:9 · Berean Standard Bible
that each man should free his Hebrew slaves, both male and female, and no one should hold his fellow Jew in bondage.
Context
7ɛberɛ a Babiloniahene akodɔm reko tia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka* a na wɔgu so reko wɔ hɔ. Yei ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ banbɔ. 8Asɛm no firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadie no akyi. 9Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifoɔ; na obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa. 10Enti adwumayɛfoɔ no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wɔbɛgyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wɔgyaa wɔn. 11Nanso, akyire yi, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsane faa nnipa a wɔgyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.