Yeremia 34:11
Jeremiah 34:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, akyire yi, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsane faa nnipa a wɔgyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.
Jeremiah 34:11 in English
Jeremiah 34:11 · Berean Standard Bible
but later they changed their minds and took back the menservants and maidservants they had freed, and they forced them to become slaves again.
Context
9Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifoɔ; na obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa. 10Enti adwumayɛfoɔ no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wɔbɛgyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wɔgyaa wɔn. 11Nanso, akyire yi, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsane faa nnipa a wɔgyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio. 12Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 13“Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me ne mo agyanom yɛɛ apam ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, nkoasom asase so no. Mekaa sɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.