Native Bible

Jeremiah 32:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi.

Jeremiah 32:34 in English

Jeremiah 32:34 · Berean Standard Bible

They have placed their abominations in the house that bears My Name, and so have defiled it.

Context

32Israelfoɔ ne Yudafoɔ de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuo, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne adiyifoɔ, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ. 34Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne. 36“Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.