Yeremia 32:33
Jeremiah 32:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ.
Jeremiah 32:33 in English
Jeremiah 32:33 · Berean Standard Bible
They have turned their backs to Me and not their faces. Though I taught them again and again,* they would not listen or respond to discipline.
Context
31Ɛfiri da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de bɛsi ɛnnɛ, wahyɛ me abufuo ne abufutrasoɔ a ɛsɛ sɛ anka meyi no firi mʼani so. 32Israelfoɔ ne Yudafoɔ de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuo, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne adiyifoɔ, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ. 34Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.