Native Bible

Jeremiah 31:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam.

Jeremiah 31:24 in English

Jeremiah 31:24 · Berean Standard Bible

And Judah and all its cities will dwell together in the land, the farmers and those who move with the flocks,

Context

22Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn, Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ? Awurade bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.” 23Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘Awurade nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’ 24Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam. 25Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.” 26Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.