Native Bible

Jeremiah 29:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mobɛhwehwɛ me na mobɛhunu me, sɛ mode mo akoma nyinaa hwehwɛ me dea.

Jeremiah 29:13 in English

Jeremiah 29:13 · Berean Standard Bible

You will seek Me and find Me when you search for Me with all your heart.

Context

11Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo,” Awurade na ɔseɛ, “Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa. 12Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo. 13Mobɛhwehwɛ me na mobɛhunu me, sɛ mode mo akoma nyinaa hwehwɛ me dea. 14Mobɛhunu me,” Awurade na ɔseɛ, “na mɛyi mo afiri nkoasom mu de mo asane aba. Mɛboaboa mo ano afiri amanaman ne beaeɛ a mepamoo mo kɔɔ so no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mede mo bɛsane aba baabi a metuu mo firi kɔɔ nnommum mu no bio.” 15Mobɛka sɛ, “Awurade ama yɛn adiyifoɔ wɔ Babilonia,”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.