Native Bible

Jeremiah 26:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ebia wɔbɛtie, na wɔn mu biara asane afiri nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne enti, mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio.

Jeremiah 26:3 in English

Jeremiah 26:3 · Berean Standard Bible

Perhaps they will listen and turn—each from his evil way of life—so that I may relent of the disaster I am planning to bring upon them because of the evil of their deeds.

Context

1Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedie ahyɛaseɛ mfeɛ no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baeɛ: 2“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Gyina Awurade efie mu abannwa hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wɔfiri Yuda nkuro mu bɛsom wɔ Awurade efie mu nyinaa. Ka deɛ mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nnyi asɛm biara mfiri mu. 3Ebia wɔbɛtie, na wɔn mu biara asane afiri nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne enti, mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio. 4Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, 5na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfoɔ adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn ɛberɛ biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo monntiee wɔn),

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.