Yeremia 26:1
Jeremiah 26:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedie ahyɛaseɛ mfeɛ no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baeɛ:
Jeremiah 26:1 in English
Jeremiah 26:1 · Berean Standard Bible
At the beginning of the reign of Jehoiakim son of Josiah king of Judah, this word came from the LORD:
Context
1Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedie ahyɛaseɛ mfeɛ no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baeɛ: 2“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Gyina Awurade efie mu abannwa hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wɔfiri Yuda nkuro mu bɛsom wɔ Awurade efie mu nyinaa. Ka deɛ mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nnyi asɛm biara mfiri mu. 3Ebia wɔbɛtie, na wɔn mu biara asane afiri nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne enti, mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.