Yeremia 21:2
Jeremiah 21:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri sɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ.”
Jeremiah 21:2 in English
Jeremiah 21:2 · Berean Standard Bible
“Please inquire of the LORD on our behalf, since Nebuchadnezzar * king of Babylon is waging war against us. Perhaps the LORD will perform for us something like all His past wonders, so that Nebuchadnezzar will withdraw from us.”
Context
1Asɛm firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a, ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania kɔɔ ne nkyɛn. Wɔkaa sɛ, 2“Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri sɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ.” 3Na Yeremia buaa wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Sedekia sɛ, 4‘Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Merebɛdane mo nsam akodeɛ atia mo, deɛ mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi na wɔatua mo kuropɔn no. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.