Yeremia 19:6
Jeremiah 19:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, monhwɛ yie na nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a nnipa remfrɛ ha sɛ Tofet anaa Ben Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, Okum Bɔnhwa.
Jeremiah 19:6 in English
Jeremiah 19:6 · Berean Standard Bible
So behold, the days are coming, declares the LORD, when this place will no longer be called Topheth or the Valley of Ben-hinnom, but the Valley of Slaughter.
Context
4Ɛfiri sɛ, wɔagya me na wɔde ha ama ananafoɔ anyame; wɔahye afɔrebɔdeɛ wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhunuu wɔn da, na wɔde mogya a ɛdi bem ahyɛ ha ma. 5Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhye wɔn mmammarima sɛ afɔrebɔdeɛ ama Baal, adeɛ a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu. 6Ɛno enti, monhwɛ yie na nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a nnipa remfrɛ ha sɛ Tofet anaa Ben Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, Okum Bɔnhwa. 7“ ‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛeɛ wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ akofena ano wɔ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma ewiem nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduane. 8Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no animtiabudeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ no nyinaa ho bɛdwiri wɔn, na nʼapirakuro no enti wɔbɛdi ne ho fɛw.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.