Yeremia 18:22
Jeremiah 18:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ma wɔnte osu wɔ wɔn afie mu ɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim, ɛfiri sɛ, wɔatu amena ama me, na wɔasumsum me nan mfidie.
Jeremiah 18:22 in English
Jeremiah 18:22 · Berean Standard Bible
Let a cry be heard from their houses when You suddenly bring raiders against them, for they have dug a pit to capture me and have hidden snares for my feet.
Context
20Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa?
Nanso wɔatu amena ama me.
Kae sɛ megyinaa wʼanim
na mekasa maa wɔn
sɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so. 21Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma;
yi wɔn ma akofena.
Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ;
ma wɔnkunkum wɔn mmarima
na wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɔko mu. 22Ma wɔnte osu wɔ wɔn afie mu
ɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim,
ɛfiri sɛ, wɔatu amena ama me,
na wɔasumsum me nan mfidie. 23Nanso wonim Ao, Awurade,
ɛpɔ a wɔabɔ nyinaa sɛ wɔbɛkum me.
Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,
na nyi wʼani mfiri wɔn bɔne so.
Ma wɔnni nkoguo wɔ wʼanim;
na wo ne wɔn nni wɔ wʼabofuo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.