Yeremia 18:19
Jeremiah 18:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛ aso ma me, Ao, Awurade; tie deɛ wɔn a wɔpam me tiri so reka!
Jeremiah 18:19 in English
Jeremiah 18:19 · Berean Standard Bible
Attend to me, O LORD. Hear what my accusers are saying!
Context
17Mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim
te sɛ deɛ apueeɛ mframa yɛ no.
Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim,
wɔ wɔn amanehunu da no.” 18Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.” 19Yɛ aso ma me, Ao, Awurade;
tie deɛ wɔn a wɔpam me tiri so reka! 20Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa?
Nanso wɔatu amena ama me.
Kae sɛ megyinaa wʼanim
na mekasa maa wɔn
sɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so. 21Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma;
yi wɔn ma akofena.
Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ;
ma wɔnkunkum wɔn mmarima
na wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɔko mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.