Yeremia 15:18
Jeremiah 15:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adɛn enti na me yea to ntwa da na mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den? Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me, sɛ asutire a ɛweɛ anaa?
Jeremiah 15:18 in English
Jeremiah 15:18 · Berean Standard Bible
Why is my pain unending, and my wound incurable, refusing to be healed? You have indeed become like a mirage to me— water that is not there.
Context
16Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ;
ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ,
na wo din da me so,
Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn. 17Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu.
Me ne wɔn annye wɔn ani;
metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me so
na wʼabofuo hyɛɛ me ma. 18Adɛn enti na me yea to ntwa da
na mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den?
Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,
sɛ asutire a ɛweɛ anaa? 19Enti sei na Awurade seɛ,
“Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu bio
na wasom me;
sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a,
wobɛyɛ me kasamafoɔ.
Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn,
na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn. 20Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi,
banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato;
wɔ ne wo bɛdi asie
nanso wɔrenni wɔ so nkonim,
ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔ
sɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,”
Awurade, na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.