Yeremia 10:4
Jeremiah 10:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no; wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔ sɛdeɛ ɛrenhwe fam.
Jeremiah 10:4 in English
Jeremiah 10:4 · Berean Standard Bible
They adorn it with silver and gold and fasten it with hammer and nails, so that it will not totter.
Context
2Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Monnsua amanaman no akwan
na momma ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mmɔ mo hu.
Ɛwom sɛ yeinom bɔ amanaman no hu 3nanso nkurɔfoɔ no amanneɛ nka hwee;
wɔtwa dua firi kwaeɛm,
na odwumfoɔ de ne fitiiɛ asene. 4Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no;
wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔ
sɛdeɛ ɛrenhwe fam. 5Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu,
wɔn ahoni no ntumi nkasa;
ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn
ɛfiri sɛ wɔntumi nnante.
Monnsuro wɔn;
wɔrentumi nha mo
na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.” 6Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade;
woyɛ kɛseɛ
na wo din wɔ tumi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.