Atemmufoɔ 8:17
Judges 8:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsane dwirii Penuel abantenten no guu fam, kunkumm kuro no mu mmarima nyinaa.
Judges 8:17 in English
Judges 8:17 · Berean Standard Bible
He also pulled down the tower of Penuel and killed the men of the city.
Context
15Afei, Gideon sane kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Seba ne Salmuna nie. Yɛbaa ha no modii me ho fɛ, kaa sɛ, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ a wɔabrɛ no aduane adi.’ ” 16Afei Gideon faa kuro no mu ntuanofoɔ kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ twee wɔn aso. 17Ɔsane dwirii Penuel abantenten no guu fam, kunkumm kuro no mu mmarima nyinaa. 18Afei, ɔbisaa Seba ne Salmuna sɛ, “Mmarima a mokumm wɔn wɔ Tabor no, na wɔte sɛn?”
Wɔbuaa sɛ, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.” 19Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.