Native Bible

Judges 19:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ ɔntena nkyɛ kakra. Enti, ɔdii nnansa, didiiɛ, nomeeɛ, daa hɔ.

Judges 19:4 in English

Judges 19:4 · Berean Standard Bible

His father-in-law, the girl’s father, persuaded him to stay, so he remained with him three days, eating, drinking, and lodging there.

Context

2Nanso, ɔbaa no anni no nokorɛ enti ɔsane kɔɔ nʼagya fie wɔ Betlehem. Abosome ɛnan akyi, 3ne kunu no faa ɔsomfoɔ ne afunumu foforɔ kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔkorɔkorɔ no na wasane nʼakyi aba. Ɔduruu ɔbaa no agya fie no, ɔde no kɔɔ efie no mu maa nʼagya no gyee no fɛ so. 4Ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ ɔntena nkyɛ kakra. Enti, ɔdii nnansa, didiiɛ, nomeeɛ, daa hɔ. 5Ne nna ɛnan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Didi ansa na woakɔ.” 6Enti, wɔn baanu no tenaa ase didiiɛ, nomeeɛ. Afei, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.