Atemmufoɔ 18:15
Judges 18:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, mmarima baanum no kɔɔ Mika fie, baabi a Lewini aberanteɛ no teɛ na wɔkyeaa no fɛ so.
Judges 18:15 in English
Judges 18:15 · Berean Standard Bible
So they turned aside there and went to the home of the young Levite, the house of Micah, and greeted him.
Context
13Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔ asase no so, baa Mika fie. 14Enti, mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Asɔreeɛ bi wɔ ha a asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni, nsɛsodeɛ a wɔasene ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Monim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” 15Enti, mmarima baanum no kɔɔ Mika fie, baabi a Lewini aberanteɛ no teɛ na wɔkyeaa no fɛ so. 16Saa ɛberɛ no na akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu no gyinagyina abɔntenpono no ano pɛɛ, 17na akwansrafoɔ baanum no kɔɔ asɔreeɛ hɔ, kɔfaa nsɛsodeɛ a wɔasene, asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.