Native Bible

Judges 18:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔ asase no so, baa Mika fie.

Judges 18:13 in English

Judges 18:13 · Berean Standard Bible

And from there they traveled to the hill country of Ephraim and came to Micah’s house.

Context

11Enti, akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu sii mu firii Sora ne Estaol. 12Wɔkyeree nsraban wɔ beaeɛ bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan bɛsi ɛnnɛ. 13Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔ asase no so, baa Mika fie. 14Enti, mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Asɔreeɛ bi wɔ ha a asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni, nsɛsodeɛ a wɔasene ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Monim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” 15Enti, mmarima baanum no kɔɔ Mika fie, baabi a Lewini aberanteɛ no teɛ na wɔkyeaa no fɛ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.